1
Nnwom 31:24
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Monhyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam, mo a mowɔ anidasoɔ wɔ AWURADE mu nyinaa.
Compare
Explore Nnwom 31:24
2
Nnwom 31:15
Me mmerɛ wɔ wo nsam gye me firi mʼatamfoɔ ne wɔn a wɔtaa me no nsam.
Explore Nnwom 31:15
3
Nnwom 31:19
Wo papayɛ dɔɔso, ɛno na woakora ama wɔn a wɔsuro woɔ no; ɛno na wode ma wɔn a wɔdwane toa woɔ no wɔ nnipa anim.
Explore Nnwom 31:19
4
Nnwom 31:14
Nanso, mede me ho ato wo so, Ao AWURADE; meka sɛ, “Woyɛ me Onyankopɔn.”
Explore Nnwom 31:14
5
Nnwom 31:3
Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban enti, wo din enti, di mʼanim na kyerɛ me ɛkwan.
Explore Nnwom 31:3
6
Nnwom 31:5
Wo nsam na mede me kra hyɛ; gye me bio, Ao AWURADE, Onyankopɔn nokwafoɔ.
Explore Nnwom 31:5
7
Nnwom 31:23
Monnɔ AWURADE, mo a moyɛ nʼahotefoɔ nyinaa! AWURADE kora wɔn a wodi nokorɛ so, na ahomasofoɔ deɛ ɔtua wɔn ka pɛpɛɛpɛ.
Explore Nnwom 31:23
8
Nnwom 31:1
Wo mu, Ao AWURADE, na manya hintabea; mma mʼanim ngu ase; firi wo tenenee mu gye me.
Explore Nnwom 31:1