1
Nnwom 30:5
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Nʼabufuo nkyɛre, na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; agyaadwotwa bɛwɔ hɔ anadwo, nanso ahosɛpɛ bɛba anɔpa.
Compare
Explore Nnwom 30:5
2
Nnwom 30:11-12
Wodanee mʼagyaadwotwa yɛɛ no asa; woyii mʼayitoma firii me ho na wode anigyeɛ firaa me, sɛ mʼakoma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm. Ao AWURADE me Onyankopɔn, mɛda wo ase daa.
Explore Nnwom 30:11-12
3
Nnwom 30:2
Ao AWURADE me Onyankopɔn, mesu frɛɛ wo sɛ boa me na wosaa me yadeɛ.
Explore Nnwom 30:2
4
Nnwom 30:4
Monto ayɛyie nnwom mma AWURADE; mo a moyɛ nʼahotefoɔ! Monkamfo ne din kronkron no.
Explore Nnwom 30:4
5
Nnwom 30:1
Mema wo so, Ao AWURADE, ɛfiri sɛ, woayi me afiri ebunu mu na woamma mʼatamfoɔ ansere me.
Explore Nnwom 30:1