1
Mmɛbusɛm 4:23
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ne nyinaa akyi, bɔ wʼakoma ho ban, ɛfiri sɛ, ɛno ne wo nkwa asutire.
Compare
Explore Mmɛbusɛm 4:23
2
Mmɛbusɛm 4:26
Bɔ ɛkwan tamaa ma wo nan na fa akwan a atim so.
Explore Mmɛbusɛm 4:26
3
Mmɛbusɛm 4:24
Mma akontonkyesɛm mfiri wʼano; mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.
Explore Mmɛbusɛm 4:24
4
Mmɛbusɛm 4:7
Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa. Ɛwom sɛ ne boɔ te sɛ wʼahodeɛ nyinaa deɛ nanso nya nteaseɛ.
Explore Mmɛbusɛm 4:7
5
Mmɛbusɛm 4:18-19
Teneneefoɔ kwan te sɛ adekyeɛ hann a ɛdi ɛkan, ɛkɔ so hyerɛn yie kɔduru awia ketee. Nanso, amumuyɛfoɔ kwan te sɛ esum kabii; wɔnnim deɛ ɛma wɔsunti.
Explore Mmɛbusɛm 4:18-19
6
Mmɛbusɛm 4:6
Nnya nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban; dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.
Explore Mmɛbusɛm 4:6
7
Mmɛbusɛm 4:13
Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu bɔ ho ban yie, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo nkwa.
Explore Mmɛbusɛm 4:13
8
Mmɛbusɛm 4:14
Ntu wo nan nsi amumuyɛfoɔ kwan so na nnante abɔnefoɔ kwan so.
Explore Mmɛbusɛm 4:14
9
Mmɛbusɛm 4:1
Me mma, montie me, montie agya nkyerɛkyerɛ; monyɛ aso na moanya nteaseɛ.
Explore Mmɛbusɛm 4:1