1
Mmɛbusɛm 3:5-6
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Fa wʼakoma nyinaa to AWURADE so na mmfa wo ho nto wʼankasa nteaseɛ so; hunu no wʼakwan nyinaa mu, na ɔbɛtene wʼakwan.
Compare
Explore Mmɛbusɛm 3:5-6
2
Mmɛbusɛm 3:7
Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafoɔ suro AWURADE na kyiri bɔne.
Explore Mmɛbusɛm 3:7
3
Mmɛbusɛm 3:9-10
Fa wʼahonya hyɛ AWURADE animuonyam, ne wo nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan nyinaa; na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so, na nsã foforɔ abu afa wʼankorɛ so
Explore Mmɛbusɛm 3:9-10
4
Mmɛbusɛm 3:3
Mma adɔeɛ ne nokorɛ mfiri wo nkyɛn fa yane wo kɔn mu twerɛ gu wʼakoma ɛpono so.
Explore Mmɛbusɛm 3:3
5
Mmɛbusɛm 3:11-12
Me ba, sɛ AWURADE tene wo so a, tie no yie, na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba, Ɛfiri sɛ, obiara a AWURADE pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso, sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.
Explore Mmɛbusɛm 3:11-12
6
Mmɛbusɛm 3:1-2
Me ba, mma wo werɛ mfiri me nkyerɛkyerɛ, kora me mmara yi wɔ wʼakoma mu, na ɛbɛma wo nkwa aware, mfeɛ bebree na ɛde yiedie abrɛ wo.
Explore Mmɛbusɛm 3:1-2
7
Mmɛbusɛm 3:13-15
Nhyira nka onipa a ɔhunu nyansa, onipa a ɔnya nteaseɛ, ɛfiri sɛ, nimdeɛ ho mfasoɔ sene dwetɛ, na deɛ ɛfiri mu ba sene sikakɔkɔɔ. Ne boɔ yɛ dene sene bota; na worentumi mfa wʼapɛdeɛ biara ntoto ho.
Explore Mmɛbusɛm 3:13-15
8
Mmɛbusɛm 3:27
Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata, ɛberɛ a tumi wɔ wo nsam.
Explore Mmɛbusɛm 3:27
9
Mmɛbusɛm 3:19
Nyansa mu na AWURADE yɛɛ asase fapem, na nteaseɛ mu na ɔde ɔsoro timii hɔ.
Explore Mmɛbusɛm 3:19