1
Mmɛbusɛm 26:4-5
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuaeɛ, anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno. Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuaeɛ anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ ɔnim nyansa.
Compare
Explore Mmɛbusɛm 26:4-5
2
Mmɛbusɛm 26:11
Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no, saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.
Explore Mmɛbusɛm 26:11
3
Mmɛbusɛm 26:20
Yensin hi a, ogya dum; nsekuro nni hɔ a ntɔkwa toɔ twa.
Explore Mmɛbusɛm 26:20
4
Mmɛbusɛm 26:27
Sɛ onipa tu amena a, ɔbɛto mu; sɛ onipa pire ɔboɔ a, ɛbɛsane aba ne so.
Explore Mmɛbusɛm 26:27
5
Mmɛbusɛm 26:12
Woahunu obi a ɔyɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so? Anidasoɔ pii wɔ ɔkwasea mu sene no.
Explore Mmɛbusɛm 26:12
6
Mmɛbusɛm 26:17
Obi a ɔsɔ ɔkraman aso twe noɔ no te sɛ obi a ɔretwam na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwa a ɛmfa ne ho mu.
Explore Mmɛbusɛm 26:17