1
Mmɛbusɛm 20:22
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Nka sɛ, “Mɛtua wo saa bɔne yi so ka!” Twɛn AWURADE, na ɔbɛgye wo.
Compare
Explore Mmɛbusɛm 20:22
2
Mmɛbusɛm 20:24
AWURADE na ɔkyerɛ onipa anammɔntuo. Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?
Explore Mmɛbusɛm 20:24
3
Mmɛbusɛm 20:27
AWURADE kanea hwehwɛ onipa honhom mu, ɛhwehwɛ ne mu baabiara.
Explore Mmɛbusɛm 20:27
4
Mmɛbusɛm 20:5
Onipa akoma apɛdeɛ yɛ subunu mu, nanso onipa a ɔwɔ nhunumu no twetwe.
Explore Mmɛbusɛm 20:5
5
Mmɛbusɛm 20:19
Osekuni da kokoamsɛm adi; enti twe wo ho firi onipa a ɔkasa bebree ho.
Explore Mmɛbusɛm 20:19
6
Mmɛbusɛm 20:3
Ɛyɛ onipa animuonyam sɛ ɔbɛkwati akasakasa, nanso ogyimifoɔ biara pɛ ntɔkwa.
Explore Mmɛbusɛm 20:3
7
Mmɛbusɛm 20:7
Ɔteneneeni bu ɔbra kronkron; nhyira ne ne mma a wɔba nʼakyi.
Explore Mmɛbusɛm 20:7