1
Mmɛbusɛm 19:21
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Nhyehyɛeɛ bebree wɔ onipa akoma mu, nanso deɛ AWURADE pɛ no na ɛba mu.
Compare
Explore Mmɛbusɛm 19:21
2
Mmɛbusɛm 19:17
Deɛ ɔyɛ adɔeɛ ma ohiani no yɛ de fɛm AWURADE, na ɔbɛtua no deɛ ɔyɛ no so ka.
Explore Mmɛbusɛm 19:17
3
Mmɛbusɛm 19:11
Onipa nyansa ma no ntoboaseɛ; sɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ bi so a ɛhyɛ no animuonyam.
Explore Mmɛbusɛm 19:11
4
Mmɛbusɛm 19:20
Tie afotuo na gye nkyerɛkyerɛ to mu, na awieeɛ no, wobɛhunu nyansa.
Explore Mmɛbusɛm 19:20
5
Mmɛbusɛm 19:23
AWURADE suro kɔ nkwa mu; na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu.
Explore Mmɛbusɛm 19:23
6
Mmɛbusɛm 19:8
Deɛ ɔnya nyansa no dɔ ne kra; deɛ ɔpɛ nhunumu no nya nkɔsoɔ.
Explore Mmɛbusɛm 19:8
7
Mmɛbusɛm 19:18
Tene wo ba, na ɛno mu na anidasoɔ wɔ, na ɛnyɛ wɔn a wɔde no kɔ owuo mu no mu baako.
Explore Mmɛbusɛm 19:18
8
Mmɛbusɛm 19:9
Adansekurumni bɛnya asotwe, na deɛ ɔtwa nkontompo no bɛyera.
Explore Mmɛbusɛm 19:9