1
4 Mose 22:28
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Afei, AWURADE hyɛɛ afunumu no ma ɔkasaeɛ! Ɔbisaa ne wura no sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ enti a ɛsɛ sɛ wohwe me mprɛnsa?”
Compare
Explore 4 Mose 22:28
2
4 Mose 22:31
Afei, AWURADE buee Balaam ani ma ɔhunuu ɔsoro ɔbɔfoɔ no sɛ watwe sekan gyina ɛkwan no mfimfini enti ɔkɔbutuu nʼanim.
Explore 4 Mose 22:31
3
4 Mose 22:32
AWURADE ɔbɔfoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wohwe wʼafunumu no mprɛnsa saa? Maba sɛ merebɛka ama woagyae, ɛfiri sɛ, worepɛ adeɛ asɛe.
Explore 4 Mose 22:32
4
4 Mose 22:30
Afunumu no nso bisaa no sɛ, “Me ne wo tenaeɛ yi, mayɛ sei pɛn?” Ne wura no buaa sɛ, “Dabi.”
Explore 4 Mose 22:30
5
4 Mose 22:29
Balaam nso buaa no sɛ, “Ɛfiri sɛ, woama masɛ ɔkwasea. Na sɛ mekura sekan a, anka mɛkum wo.”
Explore 4 Mose 22:29
6
4 Mose 22:27
Enti, ɔbutuu ɛkwan no mu. Balaam de abufuo kaa aboa no mmaa.
Explore 4 Mose 22:27