1
4 Mose 21:8
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Fa kɔbere yɛ saa awɔ yi mu baako sɛso na fa no sɛn poma bi so, na sɛ awɔ no bi ka obi na onii no hwɛ no kɛkɛ a, ɔrenwu.”
Compare
Explore 4 Mose 21:8
2
4 Mose 21:9
Enti, Mose yɛɛ ɔwɔ sɛso no; na obiara a ɔwɔ no bi bɛka no no, sɛ ɔpagya nʼani hwɛ no a, ɔnwu.
Explore 4 Mose 21:9
3
4 Mose 21:5
Wɔhyɛɛ aseɛ nwiinwii tiaa Onyankopɔn enti wɔkaa wɔn ahiasɛm kyerɛɛ Mose sɛ, “Adɛn enti na woayi yɛn afiri Misraim de yɛn aba sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ yi so? Aduane a yɛbɛdie nni ha. Nsuo a yɛbɛnom nso nni ha. Mana yi nso deɛ, afono yɛn.”
Explore 4 Mose 21:5
4
4 Mose 21:6
Enti, AWURADE maa awɔ a wɔn ano wɔ borɔ yie kɔkekaa wɔn mu bebree ma wɔwuwuiɛ.
Explore 4 Mose 21:6
5
4 Mose 21:7
Afei, nnipa no baa Mose nkyɛn bɛsrɛɛ sɛ, “Yɛayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, yɛakasa atia AWURADE ne wo. Bɔ mpaeɛ kyerɛ AWURADE na awɔ no nkɔ.” Mose bɔɔ mpaeɛ maa nnipa no.
Explore 4 Mose 21:7