1
Marko 2:17
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔbuaa wɔn sɛ, “Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɔyaresafoɔ ho nhia wɔn, na wɔn a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn. Mamma sɛ merebɛka akyerɛ teneneefoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene na mmom, nnebɔneyɛfoɔ.”
Compare
Explore Marko 2:17
2
Marko 2:5
Yesu hunuu wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!”
Explore Marko 2:5
3
Marko 2:27
“Onipa enti na wɔyɛɛ Homeda, na ɛnyɛ Homeda enti na wɔbɔɔ onipa.
Explore Marko 2:27
4
Marko 2:4
Esiane sɛ na wɔntumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no enti, wɔforoo ɛdan a Yesu wɔ mu no, kɔtuu tokuro wɔ atifi. Wɔde obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim.
Explore Marko 2:4
5
Marko 2:10-11
Enti mɛkyerɛ mo sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ.” Enti ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, “Mese wo sɛ, sɔre gyina hɔ. Fa wo kɛtɛ, na kɔ wo efie na wo ho atɔ wo.”
Explore Marko 2:10-11
6
Marko 2:9
Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ? Sɛ obi bɛka akyerɛ obubuafoɔ no sɛ, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo’, anaasɛ, ‘Fa wo kɛtɛ na nante’?
Explore Marko 2:9
7
Marko 2:12
Obubuafoɔ yi sɔre bobɔɔ ne kɛtɛ, na ɔde anigyeɛ ne ahosɛpɛ faa nnipadɔm no mu kɔeɛ. Nnipa no ho dwirii wɔn, ma wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ, “Yɛnhunuu yei bi da!”
Explore Marko 2:12
Home
Bible
Plans
Videos