1
Marko 1:35
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ahemadakye a na ɛnim nteteeɛ no, Yesu sɔre firii efie hɔ kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn, kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ.
Compare
Explore Marko 1:35
2
Marko 1:15
Ɔkaa sɛ, “Ɛberɛ no awie du! Onyankopɔn Ahennie no abɛn. Monnu mo ho na monnye asɛmpa no nni!”
Explore Marko 1:15
3
Marko 1:10-11
Yesu firi nsuo no mu sii konkɔn so ara pɛ, ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resiane sɛ aborɔnoma aba ne so. Saa ɛberɛ no ara mu, ɛnne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.”
Explore Marko 1:10-11
4
Marko 1:8
Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!”
Explore Marko 1:8
5
Marko 1:17-18
Yesu frɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifoɔ.” Ɛhɔ ara, wɔgyaa wɔn asau no guu hɔ bɛdii nʼakyi.
Explore Marko 1:17-18
6
Marko 1:22
Nnipa no tee asɛm no no, wɔn ho dwirii wɔn, ɛfiri sɛ, ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no.
Explore Marko 1:22
Home
Bible
Plans
Videos