1
Mika 4:5
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Amanaman no nyinaa bɛtumi anante wɔn anyame din mu, na yɛn deɛ, yɛbɛnante AWURADE, yɛn Onyankopɔn Din mu daa daa.
Compare
Explore Mika 4:5
2
Mika 4:2
Aman bebree bɛba abɛka sɛ, “Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so, Yakob Onyankopɔn efie. Ɔbɛkyerɛ yɛn nʼakwan, sɛdeɛ yɛbɛnante soɔ.” Na mmara no bɛfiri Sion aba AWURADE asɛm bɛfiri Yerusalem aba.
Explore Mika 4:2
3
Mika 4:1
Nna a ɛdi akyire no mu no, AWURADE asɔredan bepɔ no bɛtim sɛ mmepɔ no nyinaa ti; ɛbɛgye din aboro nkokoɔ nyinaa, na nnipa ahodoɔ bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
Explore Mika 4:1
4
Mika 4:3
AWURADE bɛdi amanaman ntam nsɛm Aane ɔbɛsiesie ntawantawa ama aman a wɔyɛ den wɔ mmaa nyinaa. Wɔde wɔn akofena bɛbɔ funtumdadeɛ wɔde wɔn mpea bɛbɔ nsɔsɔwa. Ɔman bi ntwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
Explore Mika 4:3