1
Mika 3:8
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Nanso me deɛ tumi ahyɛ me ma, AWURADE Honhom ahyɛ me ma tenenee ne ahoɔden a mede bɛpae mu aka Yakob amumuyɛ ne Israel bɔne.
Compare
Explore Mika 3:8
2
Mika 3:11
Nʼadikanfoɔ no gye adanmudeɛ ansa na wabu atɛn, nʼasɔfoɔ gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ, nʼadiyifoɔ de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ. Nanso wɔdan AWURADE, na wɔka sɛ, “AWURADE nni yɛn ntam anaa? Ɔhaw biara remma yɛn so.”
Explore Mika 3:11
3
Mika 3:4
Afei wɔbɛsu afrɛ AWURADE, nanso ɔrennye wɔn so. Saa ɛberɛ no ɔde nʼanim bɛsie wɔn, bɔne a wɔayɛ enti.
Explore Mika 3:4