1
Mateo 8:26
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Yesu nyaneeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua, adɛn na moabɔ hu saa?” Ɛhɔ ara, ɔsɔre teateaa ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.
Compare
Explore Mateo 8:26
2
Mateo 8:8
Asraafoɔ panin no tee Yesu asɛm a ɔkaeɛ no, ɔkaa sɛ, “Awurade, memfata sɛ woba me fie. Ka biribi na mʼabɔfra no ho bɛyɛ no den.
Explore Mateo 8:8
3
Mateo 8:10
Yesu tee saa asɛm yi no, ɛyɛɛ no nwanwa. Ɔdanee nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔdi nʼakyi no sɛ, “Israelman mu nyinaa, menhunuu gyidie a ɛte sei da.
Explore Mateo 8:10
4
Mateo 8:13
Yesu ka kyerɛ asraafoɔ panin no sɛ, “Kɔ efie. Deɛ wogye die no aba mu ama wo!” Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, abɔfra no ho tɔɔ no!
Explore Mateo 8:13
5
Mateo 8:27
Asuafoɔ no ho dwirii wɔn yie. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?”
Explore Mateo 8:27
Home
Bible
Plans
Videos