1
Mateo 7:7
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
“Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mompem, na wɔbɛbue mo.
Compare
Explore Mateo 7:7
2
Mateo 7:8
Na obiara a ɔbisa no, ɔnya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no.
Explore Mateo 7:8
3
Mateo 7:24
“Wɔn a wɔtie deɛ meka, na wɔdi so no te sɛ onyansafoɔ a ɔsi ne dan si ɔbotan so.
Explore Mateo 7:24
4
Mateo 7:12
Enti, sɛdeɛ mmara no ne adiyifoɔ no ka no, adeɛ biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.
Explore Mateo 7:12
5
Mateo 7:14
Ɛpono a wɔwura mu de kɔ nkwa mu no yɛ ketewa na ɛkwan a wɔfa so no nso yɛ teateaa, na nnipa kakra bi na wɔhunu fa so.
Explore Mateo 7:14
6
Mateo 7:13
“Ɛkwan teateaa no nko ara so na wobɛtumi afa akɔ ɔsoro! Ɛkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛ, na nʼapono nso mu baeɛ ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛeɛ mu.
Explore Mateo 7:13
7
Mateo 7:11
Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma a wɔbisa no no.
Explore Mateo 7:11
8
Mateo 7:1-2
“Mommmu ntɛn, na afoforɔ ammu mo ntɛn. Deɛ mode yɛ afoforɔ no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo.
Explore Mateo 7:1-2
9
Mateo 7:26
Nanso, wɔn a wɔtie deɛ meka na wɔnni soɔ no te sɛ ɔkwasea bi a ɔsii ne dan sii anwea so.
Explore Mateo 7:26
10
Mateo 7:3-4
“Adɛn na woma aboseaa a ɛda wo nua ani so no ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ kɛseɛ da wo deɛ so? Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi aboseaa a ɛda wʼani so no mma wo,’ wɔ ɛberɛ a ɛboɔ da wʼani so.
Explore Mateo 7:3-4
11
Mateo 7:15-16
“Monhwɛ mo ho yie wɔ atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔba mo nkyɛn ahobrɛaseɛ mu sɛ nnwan nanso wɔyɛ mpataku a wɔnya mo a, wɔbɛtete mo pasaa no ho. Wɔn nneyɛeɛ na mode bɛhunu wɔn, sɛdeɛ motumi de dua bi aba hunu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi nte bobe wɔ nkasɛɛ so; saa ara nso na worentumi nte borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛmse so.
Explore Mateo 7:15-16
12
Mateo 7:17
Dua a ɛwɔ nnyinasoɔ pa no tumi so aba pa; na dua a ɛnni nnyinasoɔ pa no nso so aba bɔne.
Explore Mateo 7:17
13
Mateo 7:18
Dua pa ntumi nso aba bɔne saa ara nso na dua bɔne ntumi nso aba pa.
Explore Mateo 7:18
14
Mateo 7:19
Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa de gu ogya mu hye no.
Explore Mateo 7:19
Home
Bible
Plans
Videos