1
Mateo 18:20
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Na deɛ baanu anaa baasa ahyia wɔ me din mu no, na mewɔ wɔn mfimfini.”
Compare
Explore Mateo 18:20
2
Mateo 18:19
“Meresane aka akyerɛ mo bio sɛ, sɛ mo mu baanu biara a wɔte asase yi so hwehwɛ biribi na wɔde nokorɛ bisa mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no a, ɔbɛyɛ ama wɔn.
Explore Mateo 18:19
3
Mateo 18:2-3
Yesu frɛɛ abɔfra ketewa bi de no bɛgyinaa wɔn mfimfini. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, gye sɛ motwe mo ho firi mo bɔne ho, na moyɛ sɛ mmɔfra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mobɛtumi akɔ Ɔsoro Ahennie no mu.
Explore Mateo 18:2-3
4
Mateo 18:4
Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ koraa Ɔsoro Ahennie mu.
Explore Mateo 18:4
5
Mateo 18:5
Na mo mu biara a, me enti ɔbɛgye abɔfra ketewa biara te sɛ yei no, wagye me nso aba ne nkyɛn.
Explore Mateo 18:5
6
Mateo 18:18
“Mereka akyerɛ mo sɛ, biribiara a mokyekyere wɔ asase so no, wɔakyekyere wɔ ɔsoro, na biribiara a moasane wɔ asase so no, wɔasane wɔ ɔsoro.
Explore Mateo 18:18
7
Mateo 18:35
“Saa ara na sɛ moamfa mo nuanom mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, me ɔsoro Agya nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.”
Explore Mateo 18:35
8
Mateo 18:6
“Enti, sɛ obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me die yi bi suntidua a, ɛyɛ ma no sɛ anka wɔde ɛboɔ duruduru bɛsɛn ne kɔn mu ato no atwene ɛpo mu.
Explore Mateo 18:6
9
Mateo 18:12
“Sɛ onipa bi wɔ nnwan ɔha, na wɔn mu baako kɔkyini na ɔyera a, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ? Ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini mmepɔ so ne abɔn mu nhwehwɛ deɛ wayera no?
Explore Mateo 18:12
Home
Bible
Plans
Videos