1
Mateo 17:20
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛfiri sɛ, mo gyidie sua. Sɛ mowɔ gyidie sɛ onyina aba a ɛsua koraa no a, anka mobɛtumi aka akyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔ nohoa!’ na ɛbɛtutu akɔ akyirikyiri.
Compare
Explore Mateo 17:20
2
Mateo 17:5
Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so ɛnna nne bi firi omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani. Montie no!”
Explore Mateo 17:5
3
Mateo 17:17-18
Yesu kaa sɛ, “Mo asoɔdenfoɔ a monni gyidie! Me ne mo ntena nkɔsi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha.” Yesu teateaa honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma ɛtu firii ne mu ma amonom hɔ ara ne ho tɔɔ no.
Explore Mateo 17:17-18
Home
Bible
Plans
Videos