1
Mateo 14:30-31
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Nanso, ɔhunuu mframa a ɛrebɔ no, ne ho popoeɛ. Ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔremem. Ɔteateaam, frɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, gye me na meremem!” Ɛhɔ ara, Yesu tenee ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro sɛ, “Wo a wo gyidie sua, adɛn na wonnye me nnie?”
Compare
Explore Mateo 14:30-31
2
Mateo 14:30
Nanso, ɔhunuu mframa a ɛrebɔ no, ne ho popoeɛ. Ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔremem. Ɔteateaam, frɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, gye me na meremem!”
Explore Mateo 14:30
3
Mateo 14:27
Ntɛm ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me a. Monnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!”
Explore Mateo 14:27
4
Mateo 14:28-29
Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, sɛ ɛyɛ wo deɛ a, ka kyerɛ me, na me nso memfa nsuo no ani mmra wo nkyɛn.” Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Bra!” Petro firii kodoɔ no mu sii nsuo no ani, nantee sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn.
Explore Mateo 14:28-29
5
Mateo 14:33
Asuafoɔ a wɔwɔ kodoɔ no mu no de ahodwirie bɛkotoo Yesu kaa sɛ, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!”
Explore Mateo 14:33
6
Mateo 14:16-17
Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛho nhia sɛ wɔkɔ; momma wɔn aduane nni!” Asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ yɛwɔ nyinaa yɛ burodo enum ne mpataa mmienu pɛ.”
Explore Mateo 14:16-17
7
Mateo 14:18-19
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa mmrɛ me.” Afei, ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ ɛserɛ no so. Ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ, hyiraa aduane no so. Afei, ɔbubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no.
Explore Mateo 14:18-19
8
Mateo 14:20
Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.
Explore Mateo 14:20
Home
Bible
Plans
Videos