1
Mateo 13:23
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Na aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔtie asɛm no, na wɔte aseɛ. Wɔso aba mmɔho aduasa; ebi aduosia; ɛnna afoforɔ nso, ɔha.”
Compare
Explore Mateo 13:23
2
Mateo 13:22
Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔtie asɛm no, nanso ewiase yi mu abrabɔ mu haw ne agyapadeɛ ho dwene enti, ɛmma asɛm no ntumi nnyɛ wɔn mu adwuma.
Explore Mateo 13:22
3
Mateo 13:19
Wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm no, na wɔnte aseɛ no te sɛ aba a ɛguu ɛkwan mu no. Ɔbɔnefoɔ no ba, bɛhwim deɛ wɔadua wɔ wɔn akoma mu no.
Explore Mateo 13:19
4
Mateo 13:20-21
Aba a ɛguu abotan soɔ no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no, na wɔde anigyeɛ sɔ mu. Nanso, asɛm no ntim wɔ wɔn mu. Yei enti, ɛnkyɛre na asɛm no awu. Esiane sɛ asɛm no awuo enti, sɛ ɔhaw anaa ɔtaa bi ba a, wɔpa aba.
Explore Mateo 13:20-21
5
Mateo 13:44
Yesu toaa abɛbuo no so sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ademudeɛ bi a obi kɔhunuu wɔ afuo bi mu. Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahodeɛ nyinaa, de kɔtɔɔ afuo no.
Explore Mateo 13:44
6
Mateo 13:8
Aba no bi guu asase pa mu. Ɛnyiniiɛ, soo aba mmɔho aduasa; ebi aduosia ɛnna afoforɔ nso ɔha.
Explore Mateo 13:8
7
Mateo 13:30
Momma ne nyinaa nyini nkɔsi otwa berɛ na mama atwafoɔ ayiyi wira no afiri aburoo no mu ahye no, na wɔde aburoo no nso agu asan so.’ ”
Explore Mateo 13:30
Home
Bible
Plans
Videos