1
Yosua 2:11
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ɛnyɛ nwanwa sɛ yɛn akoma atu na yɛabɔ huboa. Obiara nni akokoɔduru a sɛ ɔte nsɛm a ɛte sei a, ɔbɛko. Na AWURADE, mo Onyankopɔn no, ne otumfoɔ Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro ne asase ase.
Compare
Explore Yosua 2:11
2
Yosua 2:10
Yɛate sɛdeɛ AWURADE maa Ɛpo Kɔkɔɔ no weeɛ ma monyaa ɛkwan faa mu ɛberɛ a mofirii Misraim no. Na yɛnim sɛdeɛ moyɛɛ Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no ne sɛdeɛ mosɛee wɔn nkurɔfoɔ pasaa no.
Explore Yosua 2:10
3
Yosua 2:8-9
Ansa na akwansrafoɔ no rebɛda anadwo no, Rahab kɔɔ ɛdan no atifi ne wɔn kɔkasaeɛ sɛ, “Menim sɛ AWURADE de saa asase yi ama mo. Yɛn nyinaa suro mo. Yɛn mu biara abɔ huboa.
Explore Yosua 2:8-9