1
Yosua 1:9
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Mehyɛ wo sɛ, yɛ den na yɛ nnam! Nsuro na mma wʼaba mu mmu, na AWURADE wo Onyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ.”
Compare
Explore Yosua 1:9
2
Yosua 1:8
Sua saa Mmara Nwoma yi ɛberɛ biara. Dwene ho awia ne anadwo sɛdeɛ ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔatwerɛ wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yie.
Explore Yosua 1:8
3
Yosua 1:7
“Wo ho nyɛ den na yɛ nnam. Di mmara a Mose de maa wo no nyinaa so. Mfiri ho, na wobɛdi nkonim wɔ biribiara a woyɛ mu.
Explore Yosua 1:7
4
Yosua 1:5
Obiara rentumi nsɔre ntia wo wɔ wo nkwa nna nyinaa. Sɛdeɛ na meka Mose ho no, saa ara na mɛka wo ho. Merennya wo na merempa wʼakyi da.
Explore Yosua 1:5
5
Yosua 1:6
Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, ɛfiri sɛ, wobɛdi me nkurɔfoɔ yi anim akɔfa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no nyinaa.
Explore Yosua 1:6
6
Yosua 1:3
Mehyɛ wo bɔ a mehyɛɛ Mose no sɛ, baabiara a wode wo nan bɛsi no bɛyɛ asase a mede ama woɔ.
Explore Yosua 1:3
7
Yosua 1:2
“Afei a me ɔsomfoɔ Mose awuo no, ɛsɛ sɛ wodi me nkurɔfoɔ no anim kɔtwa Asubɔnten Yordan kɔ asase a mede rema wɔn no so.
Explore Yosua 1:2
8
Yosua 1:1
Mose a ɔyɛ AWURADE ɔsomfoɔ wuo akyi no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun babarima Yosua, Mose ɔboafoɔ no sɛ
Explore Yosua 1:1
9
Yosua 1:4
Ɛfiri Negeb ɛserɛ a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Lebanon mmepɔ a ɛwɔ atifi fam, ɛfiri Asubɔnten Eufrate a ɛwɔ apueeɛ fam kɔsi Ɛpo Kɛseɛ a ɛwɔ atɔeɛ fam, ne Hetifoɔ asase nyinaa.
Explore Yosua 1:4
10
Yosua 1:18
Obiara a ɔbɛte wʼasɛm so atua na wanni wʼahyɛdeɛ mu biara so no, wɔnkum no. Enti, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru!”
Explore Yosua 1:18
11
Yosua 1:11
“Momfa atenaeɛ no mu na monka nkyerɛ nnipa no ma wɔnsiesie wɔn nnuane. Nnansa akyi no, mobɛtwa Asubɔnten Yordan na moakɔfa asase a AWURADE, mo Onyankopɔn, de ama mo no.”
Explore Yosua 1:11