1
Yoɛl 2:12
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
“Na afei,” sɛdeɛ AWURADE seɛ nie, “Sane fa wʼakoma nyinaa bra me nkyɛn, wɔ akɔnkyene, esu ne awerɛhoɔ mu.”
Compare
Explore Yoɛl 2:12
2
Yoɛl 2:28
“Na akyire yi, mɛhwie me honhom agu nnipa nyinaa so, mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm, mo nkɔkoraa bɛsoso adaeɛ, mo mmeranteɛ bɛnya anisoadehunu.
Explore Yoɛl 2:28
3
Yoɛl 2:13
Sunsuane wʼakoma na ɛnnyɛ wo ntadeɛ mu. Sane bra AWURADE wo Onyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔdomfoɔ, ne yam yɛ. Ne bo kyɛre fu na ne dɔ boro so, na ɛnnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso.
Explore Yoɛl 2:13
4
Yoɛl 2:32
Na obiara a ɔbɔ AWURADE din no, wɔbɛgye no nkwa. Ɛfiri sɛ nkwagyeɛ bɛba ama wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu a AWURADE afrɛ wɔn wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem nyinaa,” sɛdeɛ AWURADE aka no.
Explore Yoɛl 2:32
5
Yoɛl 2:31
Ansa na Awurade ɛda kɛseɛ no bɛba no, owia bɛduru sum na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya.
Explore Yoɛl 2:31