Meda awieeɛ adi firi ahyɛaseɛ,
ɛfiri tete, meka deɛ ɛrennya mmaeɛ.
Meka sɛ: Mʼatirimpɔ bɛgyina,
na mɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.
Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afiri apueeɛ fam;
afiri akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botaeɛ ma.
Deɛ maka no, ɛno na mɛma aba mu;
deɛ madwene ho no, ɛno na mɛyɛ.