1
Yesaia 45:3
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Mede esum mu ademudeɛ bɛma wo ahonyadeɛ a wɔde asie kɔkoam sɛdeɛ wobɛhunu sɛ, mene AWURADE, Israel Onyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ woɔ.
Compare
Explore Yesaia 45:3
2
Yesaia 45:2
Mɛdi wʼanim mɛyɛ mmepɔ no asase tamaa; mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono agu na matwitwa dadeɛ adaban mu.
Explore Yesaia 45:2
3
Yesaia 45:5-6
Mene AWURADE, obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho. Ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ, nanso mɛhyɛ wo den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛfiri deɛ owia pue kɔsi beaeɛ a ɛtɔ no nnipa bɛhunu sɛ obiara nka me ho. Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio.
Explore Yesaia 45:5-6
4
Yesaia 45:7
Meyɛ hann, na mebɔ esum. Mede yiedie ba na mede ɔhaw ba; Me, AWURADE, na meyɛ yeinom nyinaa.
Explore Yesaia 45:7
5
Yesaia 45:22
“Monnane mmra me nkyɛn na monnya nkwa, mo a mowɔ asase ano nyinaa; ɛfiri sɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ.
Explore Yesaia 45:22
6
Yesaia 45:1
“Yei ne deɛ AWURADE ka kyerɛ deɛ wasra no ngo, Kores a wasɔ ne nsa nifa mu sɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanim na ɔnnye ahemfo akodeɛ mfiri wɔn nsam na ɔmmuebue apono a ɛwɔ nʼanim sɛdeɛ kuro apono no mu rentoto.
Explore Yesaia 45:1
7
Yesaia 45:23
Maka me ho ntam, mʼano aka wɔ nokorɛdie nyinaa mu, asɛm a wɔntwe nsane sɛ: obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim. Na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.
Explore Yesaia 45:23
8
Yesaia 45:4
Me ɔsomfoɔ Yakob enti, Israel a mapa no enti, mebɔ wo din frɛ wo na mɛma wo animuonyamhyɛ abodin, ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ.
Explore Yesaia 45:4