1
Yesaia 26:3
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Obiara a ɔde ne ho to wo so no wobɛkora ne so asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ ɔde ne ho ato wo so.
Compare
Explore Yesaia 26:3
2
Yesaia 26:4
Fa wo ho to AWURADE so afebɔɔ, ɛfiri sɛ, AWURADE yɛ daa Botan.
Explore Yesaia 26:4
3
Yesaia 26:9
Me kra pere hwehwɛ wo anadwo; anɔpa nso me honhom ani gyina wo. Sɛ wʼatemmuo ba asase yi so a, nnipa a wɔwɔ ewiase sua tenenee yɛ.
Explore Yesaia 26:9
4
Yesaia 26:12
AWURADE, woama yɛn asomdwoeɛ; deɛ yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn.
Explore Yesaia 26:12
5
Yesaia 26:8
Aane, AWURADE, yɛnam wo mmara kwan so yi no, yɛretwɛn wo; na wo din ne ne kɛseyɛ yɛ deɛ yɛn akoma pɛ.
Explore Yesaia 26:8
6
Yesaia 26:7
Ɔteneneeni kwan so yɛ tamaa; Ao ɔnokwafoɔ, woma ɔteneneeni kwan so yɛ tromtrom.
Explore Yesaia 26:7
7
Yesaia 26:5
Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase, na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase; ɔbubu gu fam pasaa ma ɛda mfuturo mu.
Explore Yesaia 26:5
8
Yesaia 26:2
Mommuebue apono no na ateneneefoɔ ɔman no nhyɛne mu, ɔman nokwafoɔ no.
Explore Yesaia 26:2