1
Yesaia 25:1
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ao, AWURADE, wone me Onyankopɔn; mɛma wo so na mayi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ wofiri nokorɛdie mu ayɛ anwanwadeɛ bebree, nneɛma a wɔahyehyɛ firi teteete.
Compare
Explore Yesaia 25:1
2
Yesaia 25:8
Ɔbɛmene owuo afebɔɔ. Asafo AWURADE bɛpepa aniso nisuo nyinaa. Ɔbɛyi ne nkurɔfoɔ ahohora, afiri nsase nyinaa so. AWURADE na waka.
Explore Yesaia 25:8
3
Yesaia 25:9
Saa ɛda no, wɔbɛka sɛ, “Ampa ara yɛn Onyankopɔn nie; yɛde yɛn ho too no so na ɔgyee yɛn; AWURADE no nie, yɛgyee no diiɛ; momma yɛnni ahurisie na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagyeɛ no mu.”
Explore Yesaia 25:9
4
Yesaia 25:7
Wɔ bepɔ yi so, ɔbɛsɛe owuo ntoma a ɛkata nnipa nyinaa ho ne owuo nkatasoɔ a ɛkata aman nyinaa so
Explore Yesaia 25:7
5
Yesaia 25:6
Asafo AWURADE bɛto ɛpono wɔ saa bepɔ yi so. Ɔbɛsiesie nnuane pa ne nsã a adi nna, ɛnam pa ne nsã pa ama nnipa nyinaa.
Explore Yesaia 25:6