1
Yesaia 12:2
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Nokorɛ, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa; mede me ho bɛto ne so, na merensuro. AWURADE, AWURADE ne mʼahoɔden ne me dwom; na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.”
Compare
Explore Yesaia 12:2
2
Yesaia 12:3
Wode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura mu.
Explore Yesaia 12:3
3
Yesaia 12:5
To dwom ma AWURADE, ɛfiri sɛ, wayɛ deɛ ɛwɔ animuonyam bebree. Da yei adi kyerɛ ewiase nyinaa.
Explore Yesaia 12:5
4
Yesaia 12:4
Saa ɛda no wobɛka sɛ, “Ɛda AWURADE ase, bɔ ne din Ma amanaman nhunu deɛ wayɛ, na pae mu ka sɛ wɔama ne din so.
Explore Yesaia 12:4
5
Yesaia 12:1
Saa ɛda no, wobɛka sɛ: “Mɛkamfo wo Ao AWURADE! Ɛwom sɛ wo bo fuu me deɛ, nanso afei wʼabofuo ano adwo. Na woakyekyere me werɛ.
Explore Yesaia 12:1
6
Yesaia 12:6
Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a mowɔ Sion, ɛfiri sɛ, Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ kokuroko.”
Explore Yesaia 12:6