1
Yesaia 11:2-3
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
AWURADE Honhom bɛtena no so: nyansa ne nteaseɛ Honhom, afotuo ne tumi Honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro Honhom. Na nʼani bɛgye wɔ AWURADE suro mu. Ɛnnyɛ deɛ ɔde nʼani hunu soɔ na ɔbɛgyina abu atɛn, anaa deɛ ɔde nʼaso bɛteɛ soɔ na ɔbɛgyina asi gyinaeɛ
Compare
Explore Yesaia 11:2-3
2
Yesaia 11:1
Dua foforɔ bi bɛfefɛ wɔ Yisai dunsini ho; ɛfiri ne nhini mu na Dubaa bi bɛso aba.
Explore Yesaia 11:1
3
Yesaia 11:4
na mmom ɔde tenenee bɛbu mmɔborɔfoɔ atɛn, ɔde atɛntenenee bɛsi gyinaeɛ ama asase so ahiafoɔ. Ɔde abaa a ɛyɛ nʼanom asɛm bɛwoso asase; ɔde ahome a ɛfiri nʼanom bɛkunkum amumuyɛfoɔ.
Explore Yesaia 11:4
4
Yesaia 11:5
Tenenee bɛyɛ nʼabɔsoɔ na nokorɛdie ayɛ nʼabɔwomu.
Explore Yesaia 11:5
5
Yesaia 11:9
Wɔrenyɛ obi bɔne na wɔrensɛe adeɛ wɔ me bepɔ Kronkron nyinaa so, na AWURADE ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma sɛdeɛ nsuo ayɛ ɛpo ma no.
Explore Yesaia 11:9
6
Yesaia 11:6
Pataku ne odwammaa bɛtena, ɔsebɔ ne abirekyie bɛda, nantwie ba ne gyata ne ne ba bɛbɔ mu; na abɔfra ketewa bi adi wɔn anim.
Explore Yesaia 11:6
7
Yesaia 11:10
Na da no, Yisai aseni no bɛsɔre; deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so, na nʼahomegyebea bɛnya animuonyam.
Explore Yesaia 11:10