Ɛwom, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren,
na aba nso nni bobe no so;
ɛwom, ngo dua no adi hwammɔ
na mfuo no mmɔ aduane.
Ɛwom, nnwan biara nni buo no mu,
na anantwie nso nni ban no mu.
Nanso, mʼani bɛgye AWURADE mu;
me ho bɛsɛpɛ me wɔ Onyankopɔn a
ɔyɛ mʼagyenkwa no mu.