Habakuk 3:17-18
Habakuk 3:17-18 ASNA
Ɛwom, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren, na aba nso nni bobe no so; ɛwom, ngo dua no adi hwammɔ na mfuo no mmɔ aduane. Ɛwom, nnwan biara nni buo no mu, na anantwie nso nni ban no mu. Nanso, mʼani bɛgye Awurade mu; me ho bɛsɛpɛ me wɔ Onyankopɔn a ɔyɛ mʼagyenkwa no mu.








