1
Efesofoɔ 6:12
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom, yɛne mpaninnie ne tumidie ne ewiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔ na anya.
Compare
Explore Efesofoɔ 6:12
2
Efesofoɔ 6:18
Ɛberɛ nyinaa mu mommɔ mpaeɛ wɔ Honhom mu, mpaeɛbɔ ahodoɔ ne nkotosrɛ mu. Yei enti monna mo ho so, na mommɔ mpaeɛ mma ahotefoɔ.
Explore Efesofoɔ 6:18
3
Efesofoɔ 6:11
Monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ nyinaa na moatumi agyina ɔbonsam nhyehyɛeɛ ano.
Explore Efesofoɔ 6:11
4
Efesofoɔ 6:13
Yei enti, monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ nyinaa, na sɛ da bɔne no ba a, moatumi agyina, na mowie biribiara a, moagyina pintinn.
Explore Efesofoɔ 6:13
5
Efesofoɔ 6:16-17
Yeinom nyinaa akyi no, momfa gyidie kyɛm, deɛ mode bɛdum ɔbɔnefoɔ bɛma a ɛrederɛ no. Momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne Honhom no akofena a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm no.
Explore Efesofoɔ 6:16-17
6
Efesofoɔ 6:14-15
Enti monnyina pintinn, na momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ, na momfa Asɛmpa no asomdwoeɛ no nhyehyɛ mo nan.
Explore Efesofoɔ 6:14-15
7
Efesofoɔ 6:10
Deɛ ɛtwa toɔ ne sɛ, monyɛ den wɔ ne ne tumi kɛseɛ no mu.
Explore Efesofoɔ 6:10
8
Efesofoɔ 6:2-3
“Di wʼagya ne wo maame ni,” yei ne mmaransɛm a ɛdi ɛkan a bɔhyɛ ka ho, “na asi wo yie na wo nna nso aware asase yi so.”
Explore Efesofoɔ 6:2-3
9
Efesofoɔ 6:1
Mma, montie mo awofoɔ asɛm wɔ Awurade mu ɛfiri sɛ, saa na ɛyɛ.
Explore Efesofoɔ 6:1