1
Efesofoɔ 5:1-2
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no enti, monsuasua no na motena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ hwam ma Onyankopɔn no.
Compare
Explore Efesofoɔ 5:1-2
2
Efesofoɔ 5:15-16
Enti, monhwɛ mo akwan yie, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔnnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wɔnim nyansa. Monyɛ mo akwannya biara so adeɛ, ɛfiri sɛ, nna yi yɛ nna bɔne.
Explore Efesofoɔ 5:15-16
3
Efesofoɔ 5:18-20
Monnnom nsã mmmoro na amfa mo ankɔ ahohwiebɔ mu. Na mmom, momma Honhom no nhyɛ mo ma. Momfa nnwom, ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ akoma mu, na monna Agya Onyankopɔn ase ɛberɛ biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.
Explore Efesofoɔ 5:18-20
4
Efesofoɔ 5:17
Monnyɛ adwenem herɛfoɔ, na mmom monte Awurade apɛdeɛ ase.
Explore Efesofoɔ 5:17
5
Efesofoɔ 5:25
Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛdeɛ Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too hɔ maa no
Explore Efesofoɔ 5:25
6
Efesofoɔ 5:8
Ɛberɛ bi na moyɛ esum, nanso seesei deɛ, moyɛ hann wɔ Awurade mu. Ne saa enti montena ase sɛ hann mma.
Explore Efesofoɔ 5:8
7
Efesofoɔ 5:21
Momfiri anidie a mowɔ ma Kristo mu, mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho.
Explore Efesofoɔ 5:21
8
Efesofoɔ 5:22
Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ mobrɛ mo ho ase ma Awurade no
Explore Efesofoɔ 5:22
9
Efesofoɔ 5:33
Enti, ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de anidie ma ne kunu.
Explore Efesofoɔ 5:33
10
Efesofoɔ 5:31
“Yei enti, ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere na wɔn baanu no nyinaa abɛyɛ honam baako.”
Explore Efesofoɔ 5:31
11
Efesofoɔ 5:11
Montwe mo ho mfiri nneɛma hunu a wɔyɛ wɔ esum mu ho, na mompa ho ntoma.
Explore Efesofoɔ 5:11