1
Ɔsɛnkafoɔ 5:2
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Mpɛ ntɛm nkasa, mma wʼakoma ho mpere no sɛ ɔbɛka asɛm bi wɔ Onyankopɔn anim. Onyankopɔn te ɔsoro na wo deɛ, wo wɔ asase so, enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.
Compare
Explore Ɔsɛnkafoɔ 5:2
2
Ɔsɛnkafoɔ 5:19
Deɛ ɛka ho ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ma onipa bi ahonyadeɛ ne adenya, na ɔnya ahotɔ, de anigyeɛ yɛ nʼadwuma, na ɔhunu sɛ ne kyɛfa ne no a, ɔnnkae sɛ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 5:19
3
Ɔsɛnkafoɔ 5:10
Deɛ nʼani bere sika no nnya deɛ ɛdɔɔso da; na deɛ ɔpɛ ahonyadeɛ dodoɔ no ani nsɔ deɛ ɔnya. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 5:10
4
Ɔsɛnkafoɔ 5:1
Sɛ wokɔ Onyankopɔn fie a, hwɛ wʼanammɔntuo yie. Bɛn no na tie no sene sɛ wobɛbɔ nkwaseafoɔ afɔdeɛ, wɔn a wɔnnim mfomsoɔ a wɔyɛ no.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 5:1
5
Ɔsɛnkafoɔ 5:4
Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho. Ɔnni anigyeɛ wɔ nkwaseafoɔ mu; enti di wo bɔhyɛ so.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 5:4
6
Ɔsɛnkafoɔ 5:5
Sɛ woanhyɛ bɔ koraa a, ɛyɛ sene sɛ wobɛhyɛ bɔ na wonni so.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 5:5
7
Ɔsɛnkafoɔ 5:12
Ɔpaani da ma nʼani kum, sɛ wadidi amee anaasɛ wammee, nanso ɔdefoɔ ahonya dodoɔ enti ɔntumi nna.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 5:12
8
Ɔsɛnkafoɔ 5:15
Adagya na onipa de firi ne maame yafunu mu baeɛ, na sɛdeɛ ɔbaeɛ no, saa ara na ɔbɛkorɔ. Ɔmmfa nʼadwumayɛ so mfasodeɛ biara a ɔbɛtumi akuta wɔ ne nsa mu nkɔ.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 5:15