1
Ɔsɛnkafoɔ 4:9-10
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Baanu yɛ sene ɔbaakofoɔ, ɛfiri sɛ wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani: Sɛ ɔbaako hwe ase a ne yɔnko bɛtumi aboa no. Nanso onipa a ɔhwe ase a ɔnni ɔboafoɔ no yɛ mmɔbɔ.
Compare
Explore Ɔsɛnkafoɔ 4:9-10
2
Ɔsɛnkafoɔ 4:12
Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛ nanso baanu tumi pere wɔn ti. Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ntɛm.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 4:12
3
Ɔsɛnkafoɔ 4:11
Bio, sɛ baanu da bɔ mu a, wɔka wɔn ho hye. Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔkɔntenkorɔ aka ne ho hye?
Explore Ɔsɛnkafoɔ 4:11
4
Ɔsɛnkafoɔ 4:6
Nsa ma baako a asomdwoeɛ wɔ mu yɛ sene nsa ma mmienu a ɔbrɛ bata ho. Ɛte sɛ deɛ wotaa mframa.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 4:6
5
Ɔsɛnkafoɔ 4:4
Na mehunuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne deɛ onipa tumi yɛ nyinaa nnyinasoɔ ne sɛ, nʼani bere ne yɔnko. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, mmirika a wɔtu taa mframa.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 4:4
6
Ɔsɛnkafoɔ 4:13
Ɔbabunu nyansafoɔ a ɔdi hia yɛ sene ɔhene akɔkoraa a ɔyɛ kwasea na ɔntie kɔkɔbɔ bio.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 4:13