1
5 Mose 7:9
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Monhunu sɛ AWURADE mo Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn; ɔyɛ nokorɛ Onyankopɔn a ɔdi ne dɔ apam so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem a wɔdɔ no na wɔdi nʼahyɛdeɛ so.
Compare
Explore 5 Mose 7:9
2
5 Mose 7:6
Na moyɛ nnipa kronkron a moyɛ AWURADE mo Onyankopɔn dea. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na AWURADE mo Onyankopɔn ayi mo sɛ nʼagyapadeɛ sononko.
Explore 5 Mose 7:6
3
5 Mose 7:8
Na mmom, ɛyɛ AWURADE dɔ a ɔdɔ mo, ne ne ntam a ɔdii so no: ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no bɛyi mo afiri nkoasom asase so ne Misraimhene Farao tumi ase no.
Explore 5 Mose 7:8
4
5 Mose 7:7
Ɛnyɛ sɛ modɔɔso sene nnipa a aka no enti na AWURADE anya mo ho dɔ no, na mo na mosua koraa wɔ nnipa no nyinaa mu.
Explore 5 Mose 7:7
5
5 Mose 7:14
Wɔbɛhyira mo aboro aman a wɔwɔ asase so nyinaa so. Mo mmarima renyɛ saadwe, na mo mmaa nso renyɛ abonini, na mo nyɛmmoa nso bɛwowo.
Explore 5 Mose 7:14