1
Romafoɔ 12:2
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforɔyɛ nsakyera mo ho, na moasɔ deɛ Onyankopɔn pɛ a ɛyɛ, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.
Compare
Explore Romafoɔ 12:2
2
Romafoɔ 12:1
Enti, anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so metu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɛte aseɛ, a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Nyankopɔn ani, a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.
Explore Romafoɔ 12:1
3
Romafoɔ 12:12
Momma mo ani nnye anidasoɔ mu, ahohia mu monto mo bo ase, monkura mpaebɔ mu ara!
Explore Romafoɔ 12:12
4
Romafoɔ 12:21
Mma bɔne nnni wo so nim, na mmom fa papa di bɔne so nim!
Explore Romafoɔ 12:21
5
Romafoɔ 12:10
Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yie, monni kan nnidi mo ho ni.
Explore Romafoɔ 12:10
6
Romafoɔ 12:9
Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Monkyiri bɔne, mommata papa ho!
Explore Romafoɔ 12:9
7
Romafoɔ 12:18
Sɛ ɛbɛtumi a, mo fam deɛ, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoeɛ mu.
Explore Romafoɔ 12:18
8
Romafoɔ 12:19
Adɔfo, monntotɔ mo ho were, na mmom monnyae mma Onyankopɔn abufuo! Na wɔatwerɛ sɛ: Me na aweretɔ wɔ me, me ara mɛtua ka, Awurade na ɔka saa.
Explore Romafoɔ 12:19
9
Romafoɔ 12:11
Monnyɛ mmɔdemmɔ mu nyaa, monyɛ honhom mu hye, monsom Awurade!
Explore Romafoɔ 12:11
10
Romafoɔ 12:3
Na menam adom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ ɔnnnwene nntra deɛ ɛsɛ sɛ ɔdwene, na mmom ɔnnwene anidahɔ adwene, sɛdeɛ Onyankopɔn asusu gyidie akyekyɛ de ama obiara no.
Explore Romafoɔ 12:3
11
Romafoɔ 12:17
Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwene nnoɔma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim!
Explore Romafoɔ 12:17
12
Romafoɔ 12:16
Mo nyinaa nnya adwenkorɔ; mommmoma mo ho so, na mmom momma ahobrɛasedeɛ mfa mo! Mommmu mo ho anyansafoɔ!
Explore Romafoɔ 12:16
13
Romafoɔ 12:20
Enti sɛ ɛkɔm de wo tamfo a, ma no aduane! Sɛ sukɔm de no a, ma no biribi nnom! Na saayɛ na wode bɛboaboa nnyansramma ano agu n’atifi.
Explore Romafoɔ 12:20
14
Romafoɔ 12:14-15
Monhyira wɔn a wɔtaa mo, monhyira, na monnnome! Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu.
Explore Romafoɔ 12:14-15
15
Romafoɔ 12:13
Momma ahotefoɔ hia nhia mo bi, mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden!
Explore Romafoɔ 12:13
16
Romafoɔ 12:4-5
Na sɛdeɛ yɛwɔ honam akwaa bebree nipadua koro mu, na honam mu akwaa no nyinaa nni adwuma korɔ no, saa ara nso na yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro, Kristo mu, na yɛn nyinaa yeyɛ yɛn ho akwaa mmaako mmaako.
Explore Romafoɔ 12:4-5
Home
Bible
Plans
Videos