1
Romafoɔ 11:36
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Ɛfiri sɛ ade nyinaa firi ne mu, na ɛnam ne so ba, na ɛwie ne mu; ɔno na animuonyam wɔ no daa daa. Amen.
Compare
Explore Romafoɔ 11:36
2
Romafoɔ 11:33
O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Wɔrenhunu n’atemmuo mu peepee, na wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da.
Explore Romafoɔ 11:33
3
Romafoɔ 11:34
Na hwan na wahunu Awurade adwene, anaasɛ hwan na wayɛ ne fotufoɔ?
Explore Romafoɔ 11:34
4
Romafoɔ 11:5-6
Saa ara na seesei berɛ yi mu nso, nkaeɛ bi nam adom yi so aka. Na sɛ ɛnam adom so a, na ɛmfiri nnwuma mu bio, ɛfiri sɛ ɛno deɛ, anka adom nyɛ adom bio.
Explore Romafoɔ 11:5-6
5
Romafoɔ 11:17-18
Na sɛ dua mman no bi abubu, na wo a woyɛ wuram ngo dua no, wɔde wo afra ahyɛ mu, na woanya ngo dua no nhini ne emu nsuo no bi a, nhoahoa wo ho dua mman no ho! Na sɛ wohoahoa wo ho a, ɛnyɛ wo na woso nhini no, na nhini no na ɛso woɔ.
Explore Romafoɔ 11:17-18
Home
Bible
Plans
Videos