1
Mmebusɛm 4:23
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Kora w’akoma sene deɛ wode sie nyinaa, na emu na nkwa adifire fire.
Compare
Explore Mmebusɛm 4:23
2
Mmebusɛm 4:26
Taataa w’anammɔn pɛpɛɛpɛ, na ma w’akwan nyinaa ntim.
Explore Mmebusɛm 4:26
3
Mmebusɛm 4:24
Yi ano kontonkyi firi wo ho, na ma nkontompo ano nkɔ akyirikyiri.
Explore Mmebusɛm 4:24
4
Mmebusɛm 4:7
Nyansa ne ade titire: Enti nya nyansa, na fa w’adenya nyinaa nya nhunumu.
Explore Mmebusɛm 4:7
5
Mmebusɛm 4:18-19
Na ateneneefoɔ kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kɔduru awia ketee. Abɔnefoɔ kwan te sɛ esum kabii, wɔnnim deɛ wɔhunta.
Explore Mmebusɛm 4:18-19
6
Mmebusɛm 4:6
Nnya no, na ɛbɛhwɛ wo so, dɔ no, na ɛbɛkora wo.
Explore Mmebusɛm 4:6
7
Mmebusɛm 4:13
Sɔ nkyerɛkyerɛ mu dendeenden, nnyaa mu, kora no, na ɛne wo nkwa.
Explore Mmebusɛm 4:13
8
Mmebusɛm 4:14
Nkɔ abɔnefoɔ kwan mu, na mfa nnipa bɔne kwan so.
Explore Mmebusɛm 4:14
9
Mmebusɛm 4:1
Mma, montie agya akwankyerɛ, na monyɛ aso na moanya nhunumu.
Explore Mmebusɛm 4:1
Home
Bible
Plans
Videos