1
Mmebusɛm 3:5-6
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Fa w’akoma nyinaa bata AWURADE ho, na mfa wo ho ntwere w’ankasa wo nteaseɛ. Fa w’akwan nyinaa hyɛ ne nsa, na ɔno na ɔbɛtene w’akwan.
Compare
Explore Mmebusɛm 3:5-6
2
Mmebusɛm 3:7
Nyɛ w’ani so onyansafoɔ, suro AWURADE, na dane firi bɔne ho.
Explore Mmebusɛm 3:7
3
Mmebusɛm 3:9-10
Fa w’ahonyadeɛ hyɛ AWURADE animuonyam, ne wo nnɔbaeɛ mu adikan nyinaa; ɛnna adedodoɔ bɛyɛ w’asan amaama, na wo nsa-kyi-amena mu nsa foforɔ bɛbu soɔ.
Explore Mmebusɛm 3:9-10
4
Mmebusɛm 3:3
Mma adɔeɛ ne nokorɛ nnnyaa wo; fa kyekyere wo kɔn, twerɛ no w’akoma pono so.
Explore Mmebusɛm 3:3
5
Mmebusɛm 3:11-12
Me ba, mpo AWURADE nkyerɛkyerɛ, na mma n’animka mmfono wo; na deɛ AWURADE dɔ no na ɔka n’anim, sɛdeɛ agya yɛ ne ba a ɔdɔ no no.
Explore Mmebusɛm 3:11-12
6
Mmebusɛm 3:1-2
Me ba, mma wo werɛ mmfiri me mmara, na ma w’akoma nni me mmara nsɛm so; ɛfiri sɛ onyinkyerɛ, nkwa mfeɛ ne asomdwoeɛ na ɛde bɛka wo ho.
Explore Mmebusɛm 3:1-2
7
Mmebusɛm 3:13-15
Nhyira ne onipa a ɔhunu nyansa, ne onipa a ɔnya nteaseɛ. Na emu adenya yɛ sene dwetɛ deɛ, na ne mfasoɔ sene sika amapa. Ne boɔ yɛ den sene mmota, na afɛfɛdeɛ nyinaa, wɔmfa nto ho.
Explore Mmebusɛm 3:13-15
8
Mmebusɛm 3:27
Mfa yieyɛ nkame deɛ ɛsɛ no, berɛ a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.
Explore Mmebusɛm 3:27
9
Mmebusɛm 3:19
AWURADE de nyansa na ɛhyɛɛ asase aseɛ, ɔde nteaseɛ de ɔsoro tim hɔ
Explore Mmebusɛm 3:19
Home
Bible
Plans
Videos