1
Mmebusɛm 22:6
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa soɔ, na sɛ ɔnyini a, ɔremfiri ho.
Compare
Explore Mmebusɛm 22:6
2
Mmebusɛm 22:4
Deɛ ɛdi ahobrɛaseɛ ne AWURADE suro akyire ne ahonyadeɛ ne animuonyam ne nkwa.
Explore Mmebusɛm 22:4
3
Mmebusɛm 22:1
Din pa na ɛsɛ sɛ wɔyie sene ahonyadeɛ pii, na animuonyam yɛ sene dwetɛ ne sika.
Explore Mmebusɛm 22:1
4
Mmebusɛm 22:24
Ɛne obufufafoɔ mmfa yɔnkoɔ, na ɛne ɔbarima niberefoɔ mmmɔ
Explore Mmebusɛm 22:24
5
Mmebusɛm 22:9
Oyamyiefoɔ nya nhyira, na ɔde n’aduane bi ma mmɔborɔni.
Explore Mmebusɛm 22:9
6
Mmebusɛm 22:3
Onitefoɔ hunu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hunta, nanso adwenemharefoɔ deɛ, wɔkɔhyɛ mu, na wɔnya asotwe.
Explore Mmebusɛm 22:3
7
Mmebusɛm 22:7
Ɔdefoɔ di ahiafoɔ so, na ɔdefɛmni yɛ deɛ ɔde fɛm akoa.
Explore Mmebusɛm 22:7
8
Mmebusɛm 22:2
Ɔdefoɔ ne ohiani hyia, deɛ ɔyɛɛ wɔn nyinaa ne AWURADE.
Explore Mmebusɛm 22:2
9
Mmebusɛm 22:22-23
Mmɔ mmɔborɔni korɔno, sɛ ɔyɛ mmɔborɔni nti, na ntiatia amanehununi so kuro pono mu. Na AWURADE bɛdi wɔn asɛm ama wɔn, na wɔn a wɔfom wɔn fa no, ɔbɛfom wɔn kra afa.
Explore Mmebusɛm 22:22-23