1
Mmebusɛm 21:21
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Deɛ ɔdi tenenee ne adɔeɛ akyire no, ɔbɛnya nkwa, tenenee ne animuonyam.
Compare
Explore Mmebusɛm 21:21
2
Mmebusɛm 21:5
Nsiyɛfoɔ adwene de adedodoɔ ara na ɛba, na obiara a ɔpere ho no, ɛde kɔ ohia nko mu.
Explore Mmebusɛm 21:5
3
Mmebusɛm 21:23
Deɛ ɔkora n’ano ne ne tɛkyerɛma no, ɔkora ne kra firi ahohia mu.
Explore Mmebusɛm 21:23
4
Mmebusɛm 21:2
Onipa kwan biara tene n’ani so, nanso akoma karifoɔ ne AWURADE.
Explore Mmebusɛm 21:2
5
Mmebusɛm 21:31
Wɔsiesie ɔpɔnkɔ ma ko da, na nkonimdie deɛ, ɛwɔ AWURADE nsam.
Explore Mmebusɛm 21:31
6
Mmebusɛm 21:3
Asɛnteneneedie ne atɛntenenee sɔ AWURADE ani sene afɔrebɔ.
Explore Mmebusɛm 21:3
7
Mmebusɛm 21:30
Nyansa ne nhunumu ne afotuo biara nni hɔ a ɛne AWURADE bɛdi asie.
Explore Mmebusɛm 21:30
8
Mmebusɛm 21:13
Deɛ ɔsi n’aso firi mmɔborɔfoɔ su ho no, ɔno nso bɛsu afrɛ, na wɔrennye no so.
Explore Mmebusɛm 21:13