1
Yoel 2:12
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na afei nso, AWURADE na ɔseɛ, monsane mmra me nkyɛn mo akoma nyinaa ne abuadadie ne esu ne adwotwa mu.
Compare
Explore Yoel 2:12
2
Yoel 2:28
Na yei akyiri no, mɛhwie me honhom agu honam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm, na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ, na mo mmeranteɛ ahuhunu anisoadeɛ
Explore Yoel 2:28
3
Yoel 2:13
Monsunsuane mo akoma, na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu, na monsane mmra AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn, na ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ so, na ɔsakyera n’adwene wɔ adebɔne ho.
Explore Yoel 2:13
4
Yoel 2:32
Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ AWURADE din no, wɔbɛgye no nkwa; na sɛdeɛ AWURADE aka no, bepɔ Sion so ne Yerusalem na nnipa a wɔafiri mu afire ne nnipa a AWURADE refrɛ wɔn afiri wɔn a aka no mu bɛtena.
Explore Yoel 2:32
5
Yoel 2:31
Owia bɛduru sum, na ɔsrane adane mogya, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.
Explore Yoel 2:31