Na Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Hanania sɛ: Hanania, tie ɛ, AWURADE nsomaa wo, na wo na woama ɔman yi de wɔn ho ato atorɔ soɔ. Ɛno nti, sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meretu wo afiri asase ani: Afe yi na wobɛwuo, ɛfiri sɛ woaka atuateɛ atia AWURADE.