1
Yeremia 27:5
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Me na mede me tumi kɛseɛ ne me basa a atene meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani, na mede mema obiara sɛdeɛ ɛtene wɔ m’ani soɔ.
Compare
Explore Yeremia 27:5
2
Yeremia 27:6
Na afei mede nsase yi nyinaa mahyɛ m’akoa Nebukadnessar, Babel hene no nsa, na mede wiram mmoa mpo mama no sɛ wɔnsom no.
Explore Yeremia 27:6
3
Yeremia 27:9
Enti monntie mo adiyifoɔ ne mo nkɔmhyɛfoɔ ne mo daeɛ ne mo akɔmfoɔ ne mo ntafowayifoɔ a wɔka kyerɛ mo sɛ morensom Babel hene no
Explore Yeremia 27:9
4
Yeremia 27:22
Wɔde bɛkɔ Babel, na ɛhɔ na ɛbɛtena akɔsi da a mɛba mabɛhwɛ wɔn, AWURADE asɛm nie, na mede wɔn asane aba ha.
Explore Yeremia 27:22