Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ,
deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie:
Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron,
ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso,
sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa,
na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.
Na merenham menkɔsi daa,
na me bo remfu daa,
ɛfiri sɛ honhom no firi me hɔ,
na me na mayɛ ahome.