Na ananafoɔ a wɔabɛbata AWURADE ho sɛ
wɔresom no, na wɔadɔ AWURADE din,
na wɔabɛyɛ no nkoa no,
obiara a ɔdi homeda a ɔngu ho fi, ne wɔn a
wɔkura n’apam mu no,
mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so,
na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fie,
wɔn hyeɛ afɔdeɛ ne wɔn kum afɔdeɛ
bɛsɔ m’ani, m’afɔrebukyia so;
na me fie no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fie
ama aman nyinaa.