Me a mefiri mfitiaseɛ meka awieeɛ asɛm,
na mefiri tete mmerɛ no meka deɛ wɔnyɛeɛ no,
meka sɛ: Me tirimbɔ bɛgyina,
na deɛ ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.
Mɛfrɛ ɔkoropɔn bi afiri apueeɛ
ne m’agyina mu barima afiri akyirikyiri asase so.
Makasa, na mɛma no aba mu;
madwene, na mɛyɛ.