1
Yesaia 45:3
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na mede sum mu akoradeɛ ne aboɔdenneɛ a ahunta no bɛma wo; na woahunu sɛ me, AWURADE, mene deɛ mebɔɔ wo din mefrɛɛ woɔ no, Israel Nyankopɔn no.
Compare
Explore Yesaia 45:3
2
Yesaia 45:2
Mɛdi w’anim, na mabrɛ mmepɔ ase; mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono mu, na matwitwa dadeɛ adaban mu.
Explore Yesaia 45:2
3
Yesaia 45:5-6
Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ me nko. Me na mebɔ wo abɔsoɔ, nso wonni me, na wɔahunu afiri awiapueeɛ, ne atɔeɛ nso, sɛ obiara nni hɔ, gye me. Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio.
Explore Yesaia 45:5-6
4
Yesaia 45:7
Me na mebɔ hann, na mebɔ sum, mema asomdwoeɛ, na mede amaneɛ ba. Me, AWURADE, na meyɛ yeinom nyinaa.
Explore Yesaia 45:7
5
Yesaia 45:22
Monnane mo ho mmra me nkyɛn na wɔnnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa. Na mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.
Explore Yesaia 45:22
6
Yesaia 45:1
Saa na AWURADE ka kyerɛ deɛ wasra no Kores, deɛ masɔ ne nifa mu sɛ mɛbrɛ amanaman ase n’anim, na masanesane ahemfo abɔsoɔ, sɛ mɛbue apono n’anim, ne nkuro apono, na wɔantoto mu no
Explore Yesaia 45:1
7
Yesaia 45:23
Maka me ho ntam, tenenee anomu na asɛm afire, na ɔrensane, sɛ: Me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me, na tɛkyerɛma nyinaa aka me ntam.
Explore Yesaia 45:23
8
Yesaia 45:4
M’akoa Yakob ne Israel a mayi no nti na mede wo din mefrɛɛ woɔ, na mebɔɔ wo abodin no, nso wonnya nhunuu me.
Explore Yesaia 45:4