1
Yesaia 36:7
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na sɛ wose me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho toɔ a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔnbea ne n’afɔrebukyia, na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔrebukyia yi anim na monsɔreɛ no?
Compare
Explore Yesaia 36:7
2
Yesaia 36:1
Na ɛbaa sɛ Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so dunan mu no, Asiriahene Sanaherib tu baa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa so bɛfae.
Explore Yesaia 36:1
3
Yesaia 36:21
Na wɔyɛɛ komm, na wɔammua no asɛm biara, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛeɛ ne sɛ: Mommmua no!
Explore Yesaia 36:21
4
Yesaia 36:20
Nsase yi anyame nyinaa mu hwannom na wɔagye wɔn asase afiri me nsam, na AWURADE rebɛgye Yerusalem afiri me nsam?
Explore Yesaia 36:20