1
Yesaia 35:10
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Wɔn a AWURADE apono wɔn no bɛsane aba, na wɔde nnwontoɔ aba Sion; na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi, ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.
Compare
Explore Yesaia 35:10
2
Yesaia 35:3-4
Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mommia nkotodwe a agoɔ mu; monka nkyerɛ wɔn a wɔn akoma atuo sɛ: Monhyɛ mo ho den, monnsuro, hwɛ, mo Nyankopɔn nie! ɔde aweretɔ, Nyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba. Ɔno na ɔreba abɛgye mo nkwa!
Explore Yesaia 35:3-4
3
Yesaia 35:8
Na tempɔn ne kwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron; deɛ ne ho nteɛ remfa so, na ɛno na wɔde bɛma wɔn; nkwaseafoɔ mpo remfom kwan wɔ so.
Explore Yesaia 35:8
4
Yesaia 35:5
Ɛno na anifirafoɔ ani bɛbue, na asotifoɔ aso abue
Explore Yesaia 35:5
5
Yesaia 35:6
ɛno na apakye bɛhuri sɛ ɔforoteɛ, na emum tɛkyerɛma ato ahurisie dwom, na nsuo bɛtue ɛserɛ so, na nsuwansuwa asene anwea pradada so
Explore Yesaia 35:6